Psalms 56

Onyankopɔn mu ahotoso mpaebɔ

1Hu me mmɔbɔ,
O Onyankopɔn, efisɛ, mewɔ ɔtaa ase; mʼatamfo taa me bere nyinaa.
2Efi anɔpa kosi anadwofa nyinaa, mʼatamfo ba me so.
Dodow no ara ko tia me.
3Sɛ mebɔ hu a,
O Awurade Tumfoɔ, mede me ho to wo so.
4Mede me ho to Onyankopɔn so enti minsuro.
Mekamfo no wɔ nea wahyɛ ho bɔ no ho.
Ɛdɛn na ɔdasani teta betumi ayɛ ama me?
5Mʼatamfo haw me da mu no nyinaa.
Bere biara, wɔfa adwene a wɔnam so bepira me!
6Wɔboa wɔn ho ano wɔ nkokoam hwɛ biribiara a meyɛ pɛ sɛ wokum me.
7Twe wɔn aso,
O Onyankopɔn, wɔ wɔn amumɔyɛ ho.
Di saa nnipa no so wɔ wʼabufuw mu.
8Wunim ɔhaw a mewɔ mu.
Woabu me nusu a agu ano.
Wonhyehyɛɛ no wo nhoma mu?
9Ɛda a misu frɛ wo no, ɛda no na wobɛma mʼatamfo asan wɔn akyi.
Minim eyi;
Onyankopɔn wɔ mʼafa.
10 Awurade a mekamfo ne bɔhyɛ no.
11Ne mu na me gyidi wɔ enti merensuro.
Ɛdɛn na ɔdasani teta betumi ayɛ ama me?
12O Onyankopɔn, mede nea mahyɛ wo ho bɔ no bɛma wo.
Mɛbɔ wo aseda afɔre
13efisɛ, woagye me afi owu ne nkogu mu.
Enti menam Onyankopɔn anim wɔ hann a ɛhyerɛn wɔ ateasefo so no mu.
Copyright information for TwiNAK